Psalms 141

Anwummere mpaebɔ

1Merefrɛ wo,
Awurade, boa me mprempren!
Sɛ mefrɛ wo a, gye me so.
2Gye me mpaebɔ sɛ aduhuam ne me nsa a mapagyaw sɛ anwummere afɔrebɔ.
3 Awurade, wɛn mʼano na ɔwɛmfo mmɛwɛn mʼanofafa.
4Twe me fi bɔne a mepɛ sɛ meyɛ ho na mma memmfa me ho mmmɔ nnebɔneyɛfo wɔ wɔn amumɔyɛ mu.
Na mma mennkɔ wɔn adidi ase.
5Onipa pa betumi atwe mʼaso aka mʼanim ayamye so, nanso menhwehwɛ nnebɔneyɛfo nkyɛn anuonyam efisɛ, daa mebɔ mpae tia wɔn nneyɛe bɔne no.
6Sɛ wɔtow wɔn ahemfo fi abotan mmepɔw so bɛhwe fam a, nnipa begye adi sɛ me nsɛm a meka no yɛ nokware.
7Wɔte sɛ dua a wɔapae mu na wɔatwitwa mu asinasin; saa na wɔn nnompe bɛbɔ ahwete wɔ damoa ho.
8Nanso Awurade, me Nyankopɔn, mekɔ so de me ho to wo so.
Mehwehwɛ wo banbɔ.
Mma me nnwu!
9Bɔ me ho ban fi mfiri a wɔasunsum me no mu ne nnebɔneyɛfo firi mu.
10Ma nnebɔneyɛfo no ara firi nyi wɔn na menkɔ me baabi asomdwoe mu.
Copyright information for TwiNAK